Psalms 81

Dapɔnna Dwom

1To ahosɛpɛw dwom ma Awurade, yɛn hwɛfo.
To ayeyi dwom ma Yakob Nyankopɔn.
2Mumfi nnwonto no ase na mommɔ mpintin.
Mommɔ nnwom a ɔyɛ dɛ wɔ sanku ne bɛnta so.
3Monhyɛn torobɛnto mma afahyɛ no bere a ɔsram apue foforo na wanyin no.
4Eyi yɛ Israel mmara; ɛyɛ mmara a efi Yakob Nyankopɔn nkyɛn.
Bere a okotuaa Misraim asase no na ɔhyɛɛ mmara no maa Israelfo.
5Metee nne bi a minnim na ɛka se,
6“Miyii nnosoa no fii mo akyi.
Mema mosoɛɛ mo ntayaa no.
7Bere a mowɔ ɔhaw mu no, mofrɛɛ me, na migyee mo nkwa.
Mifii me hintabea a ɛwɔ ahum mu no gyee mo so.
Mesɔɔ mo hwɛe wɔ Meriba nsu ho.
8Me nkurɔfo, muntie me kɔkɔbɔ yi.
Mepɛ sɛ Israel tie me.
9Ɛnsɛ sɛ mosom anyame foforo.
10Mene mo Awurade, mo Nyankopɔn a oyii mo fii Misraim asase so no.
Mummue mo anom na mɛhyɛ mu ma.
11Nanso me nkurɔfo rentie me.
Israel rentie me.
12Enti ma wɔmfa wɔn kɔnsenee akwan no so na wɔnyɛ nea wɔpɛ sɛ wɔyɛ biara.
13Mepɛ sɛ me nkurɔfo tie me.
Mepɛ sɛ wodi mʼasɛm so.
14Anka medi wɔn atamfo nyinaa so ntɛm.
15Wɔn a wɔtan me no de suro bɛkotow me osuro so; wɔn asotwe bɛtena hɔ daa daa.
16Nanso mɛma mo esiam a ɛyɛ fɛ adi na mama mo ɛwo a ano yɛ mmerɛw aka ho.”
Copyright information for TwiNAK